Psalms 110

Awurade ne ne hene a wayi no no

1 Awurade ka kyerɛɛ me wura, ɔhene, no se, “Tena me nifa so kosi sɛ mede wʼatamfo bɛhyɛ wo nan ase.”
2 Awurade bɛtrɛw wʼadehye tumi mu afi Sion.
Ɔka se, “Di wʼatamfo so hene.”
3Na da a wobɛko atia wʼatamfo no, wo nkurɔfo de wɔn ho bɛbɔ afɔre ako bi ama wo.
Wo mmerante bɛba wo nkyɛn wɔ bepɔw kronkron no so sɛ anɔpa bɔw.
4 Awurade hyɛɛ bɔ a ɔremmu so se, “Melkisedek akyi no, mo na mobɛyɛ asɔfo daa nyinaa.”
5Awurade wɔ wo nifa so; sɛ ne bo fuw a, obedi ahene so nkonim.
6Obebu aman atɛn na ɔde afunu bɛpete akono hɔ; obedi ahene a wɔwɔ asase so nyinaa so nkonim.
7Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsu, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.
Copyright information for TwiNAK